Psalms 68

Ɔman nkonim dwom

1Onyankopɔn ma ne ho so bɔ nʼatamfo pete.
Wɔn a wɔtan no guan wɔ nkogu mu.
2Sɛnea wɔbɔ wusiw gu no, saa ara na ɔpam wɔn.
Sɛnea srade nan wɔ ogya so no, saa ara na amumɔyɛfo yera wɔ Onyankopɔn anim.
3Nanso atreneefo ani gye na wɔn ho sɛpɛw wɔn wɔ nʼanim.
Wɔwɔ ahotɔ na wɔteɛm ahosɛpɛw so.
4To dwom ma Onyankopɔn; to dwom kamfo ne din.
Siesie ɔkwan ma nea ɔnam omununkum mu no.
Ne din de Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
5Onyankopɔn a ɔte ne fi kronkron mu no hwɛ nnyanka ne akunafo.
6Ɔma onnibie ofi tena mu na wayi nneduafo ama wɔade wɔn ho ahotɔ mu.
Nanso wɔn a wotia Onyankopɔn no bɛtena asase so akyirikyiri.
7O Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim, bere a wode wɔn faa sare so no,
8asase wosowee na osu tɔe esiane Sinai Nyankopɔn ne Israel Nyankopɔn no ba nti.
9Womaa osu tɔe bebree maa wʼasasenini no yɛɛ yie.
10Wo nkurɔfo kyekyeree wɔn afi wɔ hɔ; wɔnam wʼadɔe so hwɛɛ ahiafo.
11Awurade hyɛɛ mmara maa mmea kɔkae se,
12“Ahemfo ne wɔn asraafo reguan!” Mmea a wɔwɔ fie no kyɛɛ asade no mu fae:
13mmuruburu a wɔde dwetɛ afa wɔn ho a wɔanan sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn agu wɔn ntaban so.
Adɛn nti na mo mu bi tenaa nguandan mu ɔko da no?
14Bere a Otumfoɔ Nyankopɔn bɔɔ ahene a wɔwɔ Salmon Bepɔw so hwetee no, ɔmaa sukyerɛmma tɔe wɔ hɔ.
15Basan bepɔw yɛ kɛse a ɛwɔ nkoko bebree.
16Adɛn nti na mo nkoko, mode ani bɔne hwɛ bepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛtena so?
Awurade bɛtena hɔ daa daa.
17Awuradebɛtena ne nteaseɛnam akɛse mpempem no mu afi Sinai akɔ kurow kronkron no mu.
18Ɔde nneduafo bebree ka ne ho kɔ atifi pɛɛ, na wogye akyɛde fi wɔn a wɔayɛ no dɔm no nkyɛn.
Awurade Nyankopɔn bɛtena hɔ.
19Kamfo Awurade, nea ɔsoa yɛn nnosoa da biara no.
Ɔyɛ Onyankopɔn a ogye yɛn nkwa.
20Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa.
Ɔyɛ Awurade, yɛn Awurade a ogye yɛn fi owu mu.
21Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛpɛtɛw nʼatamfo ne wɔn a bɔne ara na wɔkɔ so yɛ no ti.
22Awurade aka se, “Mede mo atamfo befi Basan asan aba; mɛsan ayi wɔn afi po bunu mu,
23na moanantew wɔn mogya mu na akraman ataforo dodow biara a wɔpɛ.”
24O Onyankopɔn, obiara ahu wo nkonimdi santen a woreto no;
Onyankopɔn, me hene, santen a ɔreto akɔ ne Kronkron mu Kronkron hɔ no.
25Nnwontofo no wɔ anim, ɛnna nnwomkyerɛfo no nso wɔ akyiri, na wɔn ntam na mmeawa a wɔrebɔ akyene no wɔ.
26“Kamfo Onyankopɔn wɔ hyia a ɔne ne nkurɔfo ahyia no.
Mo,
Yakob asefo nyinaa, monkamfo Awurade!”
27Odikanfo a ɔba no ne Benyamin, abusua ketewaa koraa no; nea odi hɔ ne Yuda ne ne nkurɔfo, na Sebulon ne Naftali adikanfo aba.
28O Onyankopɔn, kyerɛ wo tumi, tumi a wode adi ama yɛn no,
29tumi a efi wo fi a ɛwɔ Yerusalem a ahene bɛkyɛ wo nneɛma wɔ mu no.
30Ka Misraim ne mu mmoa a wɔhyɛ demmire mu ne aman ne emu anantwinini ne wɔn tɔte anim kosi sɛ wɔbɛkotow wo de wɔn dwetɛ ama wo.
Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pete.
31Ananmusifo befi Misraim aba, na Sudanfo ama wɔn nsa so abɔ mpae afrɛ Onyankopɔn.
32Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn.
Monto ayeyi dwom mma Awurade
33a ɔnam wim, tete wim no.
Muntie no, na mompɔ so dennen.
34Monna Onyankopɔn tumi adi.
Ne kɛseyɛ wɔ Israel na ne tumi wɔ wim.
35Onyankopɔn ho yɛ hu wɔ ne tenabea kronkron mu hɔ;
Israel Nyankopɔn!
Ɔma ne nkurɔfo ahoɔden ne tumi.
Kamfo Onyankopɔn.
Copyright information for TwiNAK